Kwabena Kyiribrɛ

Yaw Diawuoh

0 fans

Yaw Diawuoh


4:50

 Become A Better Singer In Only 30 Days, With Easy Video Lessons!

(Hmm...ɛbinom nso deɛ ɛden oh…)
Yɛ wo Kwabena, ɔhu ɔpapa bɛyɛ mprɛ nsa
Na ne nua nketua deɛ, ɛ' me sɛ, ɔmo nhu no da
Osua na ɔpapa di abrokyire akɔnoaba
But last time a ɔkɔ yɛ deɛ, wansan anba
Kwabena nahwɛ ɔmaame ne ne nuanom a ɔmo aka
Deɛ ɛdi nakyi wu yɛ, ɔnsan nma no nba no saa
Ne nua baa baako pɛ, ɛtee Kwabena akoma
Ɔmaame hyɛ aseɛ sɛ ɔsu pɛ, na Kwabena ayɛ basaa
Na madeɛ yi hwan nɛfa yɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Me soma wo yi nsisa wɔ he? Kwabena Kyiribrɛ
Wode nnom wee anaa Alomo, Kwabena Kyiribrɛ
Mansusu da sɛ wo mmom, Kwabena Kyiribrɛ
Ne papa to no din no ɔka yɛ, Kwabena kyiri brɛ
Ɔbra bone ayɛ no sɛ dayɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Nyame dɔ bi, yɛdeɛ ɔtan yɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Ɔnhwɛ nakyi, ɔntumi nsan nhwɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Seisei Kwabena sɔre a, ɔnhu bebia ɔnfa
Na dwene mu ayɛ no hey hey, nso ɔnka da
Anɔpa odware ne nuanom de ɔmo kɔ school ba
Ɔnoamu sie sie fie wie kɔ pɛ adwuma
Ɔnante nante yɛ, deɛ ɔnya yɛ a ne chop bar fufuo wɔ
Awia bia ɔkɔ, nsuo tumi tɔ
Na katua kitoa bi, nso ɔdidi free
Ɔmo san ma no aduane no bi de gu bowl mu de kɔ
Ɔpɔn anyummrɛ, nso ne fie kwan ɛnhyɛda nwa
Oduru a w'amaki sure, kaakyire adware ansana wada
Bosome so a, wama maame dan ka no fa
Na ɔde ama fie wura
Nka ɔno nkwa a, nka ɔmo atu, ɔnpɛ 'Dumase asetena
Ɔmaame tɔn bayerɛ, nti Wukuada bi a ɔkɔ dwamu kɔ boa
Kwabena Kyiribrɛ, hwɛ na ɔyɛ adwuma sɛ akoa
Na na neho nso dwo a ɛdwo, nti na ɛma obia pɛ nasɛm
Afei yanhu deɛ ba yɛ, na ɔyɛ mmaasɛm
Nnanfofa, na katua afei na ɔde to kyakya
Me koraa ɛ' me sɛ ɔno nɛkyerɛ me seneɛ yɛ to Spar
Yɛdi no a, na wafa ɔmaame deɛ sɛ ɔbɛ te ne ka
Akokoduro a na ɔwɔ, me se menhu bi da
Wo tumi hu sɛ bibi papa so paa ɛna na nani da
Na ankɔ yie no, ɛna ɔde nani hwɛ nsa
Ah Kwabena Kyiribrɛ, ɛyɛ me ya
Na madeɛ yi hwan nɛfa yɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Me soma wo yi nsisa wɔ he? Kwabena Kyiribrɛ
Wode nnom wee anaa Alomo, Kwabena Kyiribrɛ
Mansusu da sɛ wo mmom, Kwabena Kyiribrɛ
Ne papa to no din no ɔka yɛ, Kwabena kyiri brɛ
Ɔbra bone ayɛ no sɛ dayɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Nyame dɔ bi, yɛdeɛ ɔtan yɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Ɔnhwɛ nakyi, ɔntumi nsan nhwɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Ɔmaame pam no, wahu sɛ Kwabena ntie afutuo
Abusuafoɔ nso ngye no, ɔmo afa no sɛ mmusuo
Nti ɔnam basaa basaa, deɛ ɔni ɔmo to kyakya nɛma no bɛbi da
Ɛnɛ ɔda ha, na ɔkyina wada ha
Ne mpinafoɔ nso tumi gye no kakra
Na ɔpɛ kakra na ɔnoa anya kwan ahan ne dan
Nso ɔkɔ nanim pɛ, na asɛ nnɔma bi twe no san
Ɔpɛ neho akɔhoma, na yanfa neho tan
Ɔnim seneɛ nipa teɛ
Ɛnyɛ adwene a yɛ wɔ ma wo nyinaa na yɛ yi kyerɛ
Yɛ bɔ woho ka a, na yahyɛ aseɛ ka sɛ "ayi kyerɛ"
Deɛ ahia ne bibi a ɔbɛ da, deɛ aka ɔtumi yɛ
Na agye ne kwan so nyinaa atwa ansana wabɛ srɛ
Ɛwɔ mu a, ɔtumi gyai akohwi bra no yɛ deɛ ɛsɛ
Ɔmia nani gyai wee ne nsanom 'ma neho yɛ fɛ
Saa mmrɛ no na me hyia no adwuma mu wɔ Nsuatrɛ
Kwabena nim obia, yɛ nyinaa nim sɛ ne suban yɛ
Nɛduru mmrɛ bi a, deɛ ɛda di yɛ animguaseɛ
Ɔsɔ adwuma mu a, ɔngyai ansana asa
Ɛma me bisaa no sɛ Kyiribrɛ no koraa ɔkɔ fa no hifa
'Na ɔse osua no na yɛde to no, na ɔnpɛ su
Bibi to no pɛ, na wafa mu ada
Kyerɛ sɛ su koraa yɛ no aniha
Ɔyɛ nipa a nsa a ɛtwe no kɔ nakyi dɔso
Ɛwɔ sɛ ɔyere neho
Ɛtɔ daa, tesɛ yɛ nyinaa, ɛbro ne so
Na madeɛ yi hwan nɛfa yɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Me soma wo yi nsisa wɔ he? Kwabena Kyiribrɛ
Wode nnom wee anaa Alomo, Kwabena Kyiribrɛ
Mansusu da sɛ wo mmom, Kwabena Kyiribrɛ
Ne papa to no din no ɔka yɛ, Kwabena kyiri brɛ
Ɔbra bone ayɛ no sɛ dayɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Nyame dɔ bi, yɛdeɛ ɔtan yɛ, Kwabena Kyiribrɛ
Ɔnhwɛ nakyi, ɔntumi nsan nhwɛ, Kwabena Kyiribrɛ

 Watch: New Singing Lesson Videos Can Make Anyone A Great Singer

Written by: William Diawuoh

Lyrics © DistroKid

Lyrics Licensed & Provided by LyricFind

Discuss the Kwabena Kyiribrɛ Lyrics with the community:

0 Comments

    Citation

    Use the citation below to add these lyrics to your bibliography:

    Style:MLAChicagoAPA

    "Kwabena Kyiribrɛ Lyrics." Lyrics.com. STANDS4 LLC, 2024. Web. 6 May 2024. <https://www.lyrics.com/lyric-lf/11759493/Yaw+Diawuoh/Kwabena+Kyiribr%C9%9B>.

    Missing lyrics by Yaw Diawuoh?

    Know any other songs by Yaw Diawuoh? Don't keep it to yourself!

    Browse Lyrics.com

    Quiz

    Are you a music master?

    »
    Who released the album "Future"?
    A Don Diablo
    B Justin Beiber
    C Ludacris
    D Jaden

    Free, no signup required:

    Add to Chrome

    Get instant explanation for any lyrics that hits you anywhere on the web!

    Free, no signup required:

    Add to Firefox

    Get instant explanation for any acronym or abbreviation that hits you anywhere on the web!

    Yaw Diawuoh tracks

    On Radio Right Now

    Loading...

    Powered by OnRad.io


    Think you know music? Test your MusicIQ here!